Psalms 144

Ɔhene da Onyankopɔn ase nkonimdi ho

1Kamfo Awurade, me hwɛfo!
Ɔkyerɛkyerɛ me, siesie me ma ɔko.
2Ɔyɛ me hwɛfo, me guankɔbea ne mʼagyenkwa a mede me ho to ne so.
Ɔbrɛ aman a wɔhyɛ mʼase no ase.
3 Awurade, dɛn ne onipa a wuhu no yi?
Onipa teta a wʼani ku ne ho?
4Ɔte sɛ mframa mu tutuw; ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam.
5O Awurade, pae ɔsoro mu na sian bra fam.
Fa wo nsa ka mmepɔw na ebefi wusiw.
6Ma anyinam mpaapae na bɔ wʼatamfo hwete; tow wʼagyan na wonguan.
7Fi soro sian.
Yi me fi subon mu na gye me.
Gye me fi ananafo tumi ase,
8wɔn a wɔnka nokware na mpo wotwa atoro wɔ ntanka akyi no.
9Mɛto dwom foforo ama wo,
O Onyankopɔn; mɛbɔ sanku na mato dwom mama wo.
10Ma ahene nni nkonim na gye wo somfo Dawid.
11Gye me fi mʼatamfo atirimɔdenfo nsam; gye me fi ananafo tumi ase; wɔn a wɔnka nokware na mpo wotwa atoro wɔ ntanka akyi no.
12Ma yɛn mma mmarima nnyin wɔ wɔn mmabun mu sɛ afifide a enyin ahoɔden so no.
Ma yɛn mma mma nyɛ sɛ ɔman adum a wɔde asiesie ahemfi twea so.
13Ma yɛmfa afude nyinaa bi nhyɛ pata so ma.
Ma yɛn nguan nwo mpempem.
14Ma yɛn anantwi nwo bebree a wɔmpɔn na wɔn mu bi nso nyera.
Mma osu ne awerɛhow mma yɛn aborɔn so.
15Nhyira nka ɔman a ɛbɛba mu saa ama no.
Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade!
Copyright information for TwiNAK